Aseda Lyrics Nacee | Notjustok

Share this post:


Nacee Lyrics

Check out the official lyrics to ‘Aseda’ by Nacee and sing along.

Nacee – Aseda Lyrics

Osu a mesuueɛ yi, Woayi me afiri mu o
Amaneɛ a mekɔɔ mu yi, Nyame, Woayi me afiri mu o
Yɛsumm fidie maa me, yɛtuu amena maa me
Yɛkaa ntam guu me so sɛ me, menyɛ yie da wɔ abrabɔ yi mu
Nso monhwɛ nea Nyame ayɛ

Ah
(Mefiri m’akoma mu nyinaa, meda Wo ase o)
Deɛ Woayɛ yi ɛsɔ m’ani o (a-ase-)
Deɛ Woayɛ yi ɛsɔ m’ani (da) eh-eh
(Mefiri m’akoma) yeah-yeah (mu nyinaa) oh, oh
(Meda Wo ase o) oboni a, nti Nyame

Ɛnnɛ deɛ me nso manya (mefiri) yafunu (m’akoma) awo ba
(Mu nyinaa, meda Wo ase o)
Ɛnnɛ, me nso yɛreba abɛyɛ me ho adeɛ
(A-A) ei (-se) Nyame, Wowɔ hɔ (-da), Woate?
Agya ei (mefiri m’akoma) Woayɛ bi o (mu nyinaa)
Woayɛ bi o (meda Wo ase o)

Mpaeɛ a mebɔɔeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me
Akɔmkyere a mekyereeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me, ah
Sɛ menim sɛ Wobɛyɛ me sei a, anka mansu da
Menim sɛ Wobɛyɛ me sei a, Agya, nka mankasa antia Wo da

Mese adeɛ a Woayɛ yi deɛ, a-ase-eda ei
Mefiri me honam mu nyinaa, me deɛ, meda Wo ase o, eh
Aseda ei, mefiri me nipadua mu nyinaa, meda Wo ase o
M’aseda nwom nie

Da
Mefiri m’akoma mu nyinaa, meda Wo ase o
Deaa Woayɛ yi ɛsɔ m’ani o
(A-ase) deaa Woayɛ yi ɛsɔ m’ani (da) ɛsɔ m’ani
(Mefiri m’akoma mu nyinaa) ɛsɔ m’ani (meda Wo ase o)

Mpaeɛ a mebɔɔeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me
Afɔdeɛ a meyiiɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me
Menim sɛ Wobɛyɛ me sei a, ei, anka manwiinwin
Nyame, menim sɛ Wobɛhyira me ama no abu so deaa
Anka mankasa antia Wo da, mese m’aseda nsa da o

Mɛka o
(Mefiri m’akoma mu nyinaa) yɛmfa N’aseda mma no woate? Ah
(Meda Wo ase o) deaa Woayɛ yi, ɛboro me so o, eh
(A-) ɛboro me so o (se) ɛboro me so o (da)
(Mefiri m’akoma mu nyinaa) ah (meda Wo ase o)
Ɛboro me so, yɛrekɔ a metumi kɔ bi o

M’akoma
(Meda Wo ase o) obonin a ɔte sɛ me ei
(A) odwamanmmɔni a (se) bi te sɛ me (da)
Adedamfikire bi (mefiri m’akoma mu nyinaa) ɔte sɛ me
Meda Wo ase (meda Wo ase o)

Read Other Latest Music Lyrics Here

Get Fresh updates as they drop via Twitter and Facebook





Source link